Psalms 4

Dawid dwom.


1 Sɛ misu frɛ wo a, gye me so,
me trenee Nyankopɔn.
Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu;
hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.


2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora?
Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

3 Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho;
Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.


4 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne;
sɛ modeda mo mpa so a,
monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.

5 Mommɔ afɔre a ɛfata
na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.


6 Nnipa bebree bisa se:
“Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?”
Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma
bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu,
efisɛ wo nko ara, Awurade,
na woma metena dwoodwoo.

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.

8
Copyright information for TwiAKNA